Skip to content
Lyric
Dive
Public playlists
My playlists
Search
Sign in
Ensesa
Kwabena Kwabena
Popularity · Low
+
Mandingo · Original
0
0
YouTube
Searching YouTube...
Lyrics
Original
Translation
Bilingual
Kae sɛ me ne wo ayɛ bi pɛn
Wokae da a mehyiaa wo foforo no
Memaa wo nhwiren fɛfɛɛfɛ
Meyɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛ neɛ ɛsɛ
'Nso so', nnora ne nansa
Nea mɛma wo biara, w'ani nsɔ
Nea mereyɛ biara nyɛ wo fɛ biom
Ɛdeɛn na menyɛ biom?
Ɛmmerɛ nyinaa nsɛ o
Ntama ayɛ fii a, na ɛnteteeɛ o
Daakye, me nso mɛyɛ yie
Ɛmmerɛ yɛnni nka so o, nti ɔbaa ei
Ɛnsesa w'anim' mma me o
Ɛnsesa w'anim mma me o
Ɛnsesa w'anim' mma me o
Na forɔmforɔm nte hɔ daa nti
(Ɛndane w'atikɔ nkyerɛ me) ɛndan w'atikɔ nkyerɛɛ
(Ɛnsesa w'anim' mma me o) na me ne wo ayɛ bi da o
(Ɛnsesa w'anim mma me o) ao, na me deɛ ara ne wo o
(Ɛnsesa w'anim' mma me o) ah, ah
Na forɔmforɔm nte hɔ daa nti
Ɛndan' w'atikɔ nkyerɛ me
Mmm
Kae, me ne wo dɔ yi nya nsaae
Meda hɔ mema wo o, ahoɔfɛ
Wo nko na wonim nea mepɛ, ah
Nka wo ne m'adwene nyɛ pɛ ɛ
Bra na bɛsɛ me kɛtɛ
Hunu sɛ woahyɛ me bɔ bi, enti ɛnnya me nsi kwantimfi
Mɛnyɛ me saa o, na ɔdɔ deɛ mewɔ bi ma wo
Fa me toto wo so, na deda me
Ɛyɛ a korɔkorɔ me o, ɛnnwoodwoo me o
Ɛnyɛ me saa o, uh-oh
Me deɛ ara ne wo o, enti ɔdɔ ei
(Ɛnsesa w'anim' mma me o) ɛnsesa w'anim' mma me o, uh-oh
(Ɛnsesa w'anim mma me o) enti sere kakra ma me ɛ, aah
(Ɛnsesa w'anim' mma me o) e-yeah
Na forɔmforɔm nte hɔ daa nti
(Ɛndane w'atikɔ nkyerɛ me) wo sereɛ na ɛma me ahomeka
(Ɛnsesa w'anim' mma me o) ma w'ani 'ngye', wo nko ne me nko anaa?
(Ɛnsesa w'anim mma me o) aah, ɔbaa hemaa ei
Ɛnsesa w'anim' mma me o) sere kakra, yie ei, me dɔ
Na forɔmforɔm nte hɔ daa nti
Ɛndane w'atikɔ nkyerɛ me
Ɛmmerɛ bɛsesa ama masi me dadam'
Susu di m'ani, na obi dehyeɛ ne me
Ɛmmerɛ bɛsesa ama masi me dadam'
Susu teetee me o, na obi dehyeɛ ne me