Skip to content

Aden

Popularity · Low

YouTube

Searching YouTube...

Lyrics

Ade akye awia, aaba, nipa di emia Pɛ ani kɔhwɛ Makɔla ni Kejetia Kitikiti, ɛbi retɔ na ɛbi rewia Abranteɛ yɛ adwuma den na gye w'akotua Sika nyɛ sika, sika ne deɛ w'abrɛ kita Ɛwɔ m' sɛ yɛbrɛ Nyame nti daa yɛdidi da Ɛbi nom sii mu akyɛ, amaneamane nti wɔnduru da Yɛn nyinaa yɛrehustle, adɛn na worebɛtwe me mogya Mataheko, Dansoman, me ma mo damirifa Ɔbra ne bɔ yɛ den ɛnso ɛwɔ sɛ yɛbɔ mmɔden Obi su "Agyei!", obi so bɔtɔ m' yɛ OK Sɛ nea ɛteɛ biaa, oburoni se " No pain no gain" Sɛ wante mfifiri a, wontumi nsi self-contained Nti Ɔbrafoɔ ato me kasa tenten Sista, gyae, gyae, na me tankoa da high Menyaa anka mɛfly nso ɛnya antɔ me lie Bɔyeɛ, wonni shirt, wobɛyɛ dɛn na w'abɔ flying tie January, February, May, June, July Nineteen, ninety-nine, do and die, I no go lie We dey suffer, we dey hala, chale, Allah walayi Ɛmma wo ho mpopo, abrɛbrɛsɛ tu wo ho fo Abrabɔ mu nsɛm, wodwene ho a, wobɛtonko Asɛm bɛba dabi, ɛnrushe nkɔ ti Susu biribi, ɛmmfa wo sika nyinaa nkɔwe bayerɛ ne kyofi Beebi aa nndwoyɛ, ayɛ tawee, ayɛ hot Ato wo adwendwen, bra, kyerɛ me apio spot Obi ntumi ngyina gye sɛ wabu four tots Pressure da yɛn so, ayɛ sɛ yɛgyina High Court Obi ntumi ngyina gye sɛ wabu four tots Pressure da yɛn so, ayɛ sɛ yɛgyina High Court Naa daa, mu yi nsɛm yi (adɛn ne amanesɛm yi) Na yɛyɛ no dɛn ni (na adɛn ne abɛbrɛsɛ yi) Na yɛreka no sɛn ni (Ewiase amanesɛm yi) Sɛ yɛkaayɛ o (n'ahokyerɛ bebreebe yi) Nipa bɛbrɛ e (na adɛn na abɛbrɛsɛ yi) Asaase yi so o (yɛrebrɛ) Nipa bɛbrɛ o (yɛrebrɛ) Ɔga eno be easy, thirty nine days in Agege Ɔbra no agye m'ani, ama m'atadeɛ to nyinaa atete Petepetepete, seniwaa ne deede Chale menhu so, nti mɛba Nkran abɛgye me kenkey Ɔbra ne amanehu, woka no bebree a, na woreyɛ dede Na doala, ma brada, na, true, me ho hyehye me Mfifiri bɔne ɛfiri me Mehu sɛ me ho rekyere me Meda a, menda adeɛ rebɛkye a, na me pressure aba Mese mentumi nnda, ɛyɛ a, na me pressure aba Agyanka, dabɛn koraa na me nso me mberɛ bɛba? Me nko a, me tiri bɔne, mete train mu a na meeso me nneɛma Kaa papa ammbɔ me, nea ɛɛbɔɔ me no yɛ nkyɛkyɛnma M'abɛbrɛ, mennim, sɛ ɛyɛ me nkrabea Anaa sɛ ɛyɛ me nhyɛbrɛ Sunsum no pɛ, nanso ɔhonam no yɛ mmrɛ M'adwen saa, m'afɔn, aka me ti, menni honam Merekɔpɛ biibi akɔdi, ɛne mebɛyɛɛ dɛn na ɛnam Ankonam, mmɔbrɔwa Meeyere me ho sɛ deɛ menya me so ne me kakrawa Ɔbra no gu so rewind me te sɛ gramophone apaawa Ayere, obiaa de repepere Oh, Ewurade, dabɛn na me nso me nsoroma bɛpue Naa daa, mu yi nsɛm yi (adɛn ne amanesɛm yi) Na yɛyɛ no dɛn ni (na adɛn ne abɛbrɛsɛ yi) Na yɛreka no sɛn ni (Ewiase amanesɛm yi) Sɛ yɛkaayɛ o (n'ahokyerɛ bebreebe yi) Nipa bɛbrɛ e (na adɛn na abɛbrɛsɛ yi) Asaase yi so o (yɛrebrɛ) Nipa bɛbrɛ o (yɛrebrɛ) Abrabɔ mu nsɛm dɔɔso, ɛtɔ dabi mpo a, menya sika nntɔ drɔɔso Manyere me ho a, sɛɛ ohia bɛto me chalk Ajɔs, gyae me na mereyɛ abɔ loss Wohwɛ me nikaboka ne me guarantee a, mehia socks Mayɛ mmrɛ, ɔbra no agu me ho sɛ chicken pox Wohu no sɛn, ɛbaa no sɛn? Asɛm bɛn, yɛɛyɛ no dɛn? Akwantu mu nsɛm, wookɔ akɔda na wabɛdi dɛn? Ɛnyɛ easy, mekae me nipa Jomo, ɛne n'adanfo Tono Wobɛhu no anɔpa tutuutu na ɔkita ne dondo Ɔɔbɔ de tɔn n'aduru, alataman mu fifty kobo Ɔɔbrɛ, n'adwen nyinaa ayɛ no lotto, lotto Wɔaka akyerɛ me sɛ, nkakra nkakra ɔbɛtɔ Vono Adwuma bɔne te sɛ krɔnoo, bebree na ɛdi hia Chale, menni akatua, mede ka a, mɛyɛ dɛn atua? Wobisa me taku ne daama, simpowa ne kaprɛ, menya Metwe a, ɛmba, dabi da, empty container Menyaa anka mɛyɛ winner na makɔgye aburokyire visa Abusua mo mboa me, due Asaase yi so, boafoɔ yɛ na, ɛnso Yɛka no sɛn, anoma ɛntu a, obua da Hwɛ abɔnten so, hwɛ nea nipa dasani deda Deɛ ɔbɛfura, ne deɛ ɔbɛdie, ɔnya, akɔnɔ Chaley, Bantama kakro, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi? Menni sika, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi? Bantama kakro, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi? Menni sika, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi? Awerɛhosɛm, nipa nenam, mɔbɔmɔbɔ Coins atete yɛn bɔtɔ Sika nti, buronya so a, na yɛwe akokɔ Adɛn, abrabɔ Obi bɛseɛ, more than, more than, yɛntumi nka, yɛntumi nka Naa daa, mu yi nsɛm yi (adɛn ne amanesɛm yi) Na yɛyɛ no dɛn ni (na adɛn ne abɛbrɛsɛ yi) Na yɛreka no sɛn ni (Ewiase amanesɛm yi) Sɛ yɛkaayɛ o (n'ahokyerɛ bebreebe yi) Nipa bɛbrɛ e (na adɛn na abɛbrɛsɛ yi) Asaase yi so o (yɛrebrɛ) Nipa bɛbrɛ o (yɛrebrɛ)