Akoko Bebon
Popularity · Low
Listen
YouTube
0:00 / 0:00
Loading YouTube player...
Lyrics offset
Synced
Lyrics
Hmmmm...
Akokɔ bɛ bɔn
Ama adeɛ akye me sɛn ni
Ɛnti adeɛ bɛkye ama ɔdɔ ho nsɛm asan abɛsi me trim
Akoko bɛ bɔn
Ama adeɛ akye me sɛn ni
Ɛboo na adeɛ bɛ san akye biom ama ɔdɔ ho nsɛm asan abɛsi me trim
Ɛbɛma me de awerɛhoɔ, osu ne adwendwene abɛhyɛ me kra ma
Obi dehyeɛ e
Wo bɛba na me kɔ oo
Yiee...
hmm...
Ɛboo na adeɛ sika yɛ no
Sɛ ohia ntumi nyɛ bi da
Ɛkwan nkyɛn adeɛ yɛ fɛ nso a
Sɛ sika yi ara na yɛ de yɛ nti
Ɔdɔ de ohia akyi atu kwan sɛ
Ɔkɔ pɛ sika aba ama yɛn de ahwɛ asetena yi mu
Ɛmerɛ ɔdɔ hyɛe sɛ anka ɔbɛba no abɛtwam
Ɛnso m'atwɛn atwɛn a ɔdɔ amma o
Eiin, aao ɔdɔ bɛba
Eiin, aao ɔdɔ bɛba
Ɔdɔ bɛba
Ɔbɛba na m'awu o
Ɔdɔ ee...
Ɔdɔ bɛba
Ɔbɛba na m'awu o
Oh ɔdɔ
Sɛ ɔbra n'asi yie a
Kae sɛ w'agya wo dɔfo bi wɔ asuogya
Sɛ wo hwɛ nso na sɛ ɔdɔ
Sɛ ɔbra no nsii wo yie, na sɛ wo nya mmaeɛ a, ɔdɔ, ɛya a twerɛ me
Firisɛ me nsa ka wo krata mpo a, ɔdɔ, ɛno mpo bɛma me awerɛkyekyerɛ
Mmmm...
San bra o, san bra o, san bra o Akosu e
Akosua Agyeiwaa Ɔkɔdeɛ e
Akosu m'afe wo o
Ɔdɔ m'afe wo oo
San bra o, san bra o, san bra o Vic ei
Obaa Vic ei san bra o
Vicky m'afe wo o
Ɔdɔ m'akae wo o
Ɔdɔ m'akae wo o
Ɔdɔ m'afe wo o
Yiee...
Ɔdɔ mu yɛ du
Ɔdɔ w'akɔ ama ade ahia me o
Wo de adeɛ bi ato me tirim
W'ama m'ayare kɔda a ɛnda o
Ɔdɔ w'akɔ ama ade ahia me o
Wo de adeɛ bi ato me tirim, me see
W'ama m'ayare kɔda a ɛnda o
Ɔdɔ wo kɔ no wo hyɛɛ me bɔ bi sɛ
Anka me nnom nsuo ntwɛn ɔpɛ
Na sɛ ɔbra no kɔ kɔ yɛ yie a
Anka wo nso wo mma wo werɛ mfi me da
Nanso m'atwɛn, m'twɛn m'abrɛ
M'ate nisuo mpo ama m'ani nsuo asa
Obi dehyeɛ e
Wo bɛba na me kɔ oo... Hmm
San bra o, san bra o, san bra o akwadaa wesewa e
Akwadaa wesewa e san bra o
Ɔdɔ m'afe wo o
Ɔdɔ m'afe wo o
Ɔdɔ m'akae wo o
San bra o, san bra, o san bra o Rose e
Rosina san bra o
Rosu m'afe wo o
Ɔdɔ m'afe wo o
Mese na ade ɛkye a ade ɛsa yi
Sɛ nkorɔfoɔ keka dwan m'asum a ne sɛ
Ɛnti wo dɔfo yi ayi wo ama, hmm
Mese na ade ɛkye a ade ɛsa yi
Asɛm a nkorɔfoɔ keka dwan m'asum a ne sɛ
Ɛnti wo dɔfo yi ayi wo ama
M'ansusu saa oo oo
Nanso me ne wo abrɛ abrɛ
Ɛnti ɛnyɛ mma me brɛ yi nyɛ kwa
Ɛnyɛ mma me nsae mfifire hunu
Sɛ wo nya mmaeɛ a ɛyɛ a kae me o
Mese m'anya de me dɔ yi ama wo yi deɛ
Biribi ara ntumi nsesa m'adwen
Ɛnti ɔdɔ ɛmma w'ani nguso
Wo nnam a kae sɛ w'agya wo dɔfo bi wɔ asuogya
Biribi ba wo nsa mu a ɛya mane me o
Sɛ wo nya mmae nso a ɛyɛ a kae me o
Sɛ wo nya mmaeɛ a ɛyɛ a kae me o (sɛ wo nya mmaeɛ a ɛyɛ a kae me o)
Biribi ba wo nsa mu a ɛya a twerɛ me o
(biribi ba wo nsa mua ɛya a twerɛ me o)
Wo nya mmaeɛ a kae me,
kae sɛ wo dɔfo bi wɔ asuogya (sɛ wo nya mmae a ɛyɛ a kae me o)
Biribi ba wo nsa mu a ɛyɛ a kae me o
(biribi ba wo nsa mu a ɛyɛ a kae me o)
Wo nya sika a ɛyɛ a mane me o (ɔdɔ wo nya sika a ɛyɛ a mane me o)
Kae sɛ w'agya wo dɔfo bi wɔ babi (sɛ wo nya mmaeɛ a ɛyɛ a twerɛ me o)
Wo nya sika a ɛyɛ a kae me o (sɛ wo nya sika a ɛyɛ a kae me o)
Eiin na ɔdɔ kɔ neɛ ɔdɔ wɔ o, sɛ wo
nya sika mma wo werɛ mfiri me o (sɛ wo nya mmaeɛ a ɛyɛ twerɛ me o)
Biribi ba wo nsa mu nso a ɛyɛ a mane mo
o (biribi ba wo nsa mu a ɛyɛ a mane me o)