Ososo Taa Wakyi
Moses Ok
Popularity · Low
Listen
YouTube
0:00 / 0:00
Loading YouTube player...
Lyrics offset
Synced
Lyrics
1 2x
Aden nti na, w'aba mu reyɛ abu yi
Na wowirefi anaa sɛ ɔsoro taa w'akyi
W'adwumasɛm yi mu
W'awaresɛm yi mu
Akwantuo mu sɛm yi mu
Kae sɛ Nyame ne boafoɔ
Ɛyɛ w'adwen na ɛkyerɛ wo sɛ
Woyɛ ankonam
Nanso ɛnte saa
Osoro taa w'akyi
Ɔsombo, m'awurade nti
Wɔaka ne ho ntam sɛ ɔngyae wo da
Kɔpem wiase awieyɛ
Awurade ka wo ho
Deɛbɛn koraa, na agya wo adwendwen yi
Ɛmma wowirenfi sɛ, wosene nkunimdifoɔ
Wo tiri mu pɔ yi
W'ani so adehunu yi
W'akoma so adeɛ yi
Gyidi sɛ, ɛbɛgyina
Deɛbɛn koraa, na agya wo adwendwen yi
Ɛmma wowirenfi sɛ, wosene nkunimdifoɔ
Wo tiri mu pɔ yi
W'ani so adehunu yi
W'akoma so adeɛ yi
Gyidi sɛ, ɛbɛba mu