Presbyterian hymn 462 - MOBROHUNU NYAME GYAA ME | Christian Arko
Dabi Tv
Popularity · Low
Listen
YouTube
0:00 / 0:00
Loading YouTube player...
Lyrics offset
Synced
Lyrics
Mmǝb'rǝhunu Nyame gyaa me, ɔde m'aka akyɛ me.
Saa sempa kyekye me were ma me gyidi ani gye.
Me kra, da Onyame ase;
n'adekyɛ yi yɛ kɛse; n'ahumməbɔ na ayi me duam' ne afiase.
2.
M'aka no renhaw me bio, Yesu bedii m'agyinam.
Me Yesu de ne mogya mpo abetua ne nyinaa.
Me kaw a mede me Wura so boro mpempem ara;
na sɛ wɔbɛdan me kaw a, anka mehu daapem yaw.
3.
M'aka no dɔɔso pii nti na anka me kra wer'
ahow; na Ohene abufuw no ma hiani ho popo.
Na Okagyinamdifo no di ma me wɔ Nyame hɔ,
enti na me kyɛwpa ka no, n' ɔdom me de akyɛ me.
4.
Afei mede me ho fof'ro,
na ɔtɔn bi ntu me bo; na Onyame gye me bio; Yesu ne me Patafo.
Mede anigye mewu po, gyidim' na mɛkamfo se:
Mmǝb'rǝhunu Nyame gyaa me na me werɛ akyekye