Anuonyam - Glory
Mabel Okyere
Popularity · Low
Listen
YouTube
0:00 / 0:00
Loading YouTube player...
Lyrics offset
Synced
Lyrics
Aha yɛ kwan ho
Mentumi nka nsɛm bebree
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Awurade ahyɛ m'animuonyam
Aha yɛ kwan ho o
Mentumi nka nsɛm bebree
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Awurade ahyɛ m'animuonyam
Mewɔ asɛm bi a mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, wahyɛ m'animuonyam
Mewɔ asɛm bi mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, wahyɛ m'anuonyam
Abrabɔ'm nneɛma bebree na m'afa mu
Nanso asɛm to me a, mehyɛ me ho nkuran
Wonhu mpo sɛ ebia na masu pɛn oo
Ɔhaw bebree na m'akɔ mu
Nanso asɛm to me a, mehyɛ me ho nkuran
Wonhu mpo sɛ ebia na mabrɛ pɛn oo
Mese, aha yɛ kwan ho
Mentumi nka nsɛm bebree
Bɔ mmɔden ara na hyia me oo
Na hwɛ nea Awurade ayɛ oo
Aha yɛ kwan ho oo
Mentumi nka nsɛm bebree
Bɔ mmɔden ara na hyia me oo
Na hwɛ nea Awurade ayɛ oo
Mewɔ asɛm bi a mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, wahyɛ m'anuonyam
Mewɔ asɛm bi mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, wahyɛ m'anuonyam
Nea ɛtoo me no, ato obi pɛn
Nanso wanntumi anyina ne nan so
Me kra te ase a, na ɛyɛ Awurade na ayɛ oo
Nea ɛtoo me no, ato obi pɛn
Nanso wanntumi anyina ne nan so
Me kra te ase ɛnɛ a, na ɛyɛ Awurade na ayɛ oo
Mannsɔ Nyame mu yie a, anka wiase ne me awie
Mannsɔ ne mu a, anka wiase ne me awie oo
Nanso ne nyinaa mu, Yesu ahyɛ m'animuonyam
Mabel Okyere, mannsɔ Nyame mu yie a, anka wiase ne me awie
Mannsɔ ne mu a, anka ɔne m'awie o
Nanso ne nyinaa mu, Yesu ahyɛ m'animuonyam
Aha yɛ kwan ho
Mentumi nka nsɛm bebree
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Awurade ahyɛ m'animuonyam
Aha yɛ kwan ho oo
Meka sɛ mereka a, anka adeɛ bɛkye o
Bɔ mmɔden ara na hyia me oo
Na hwɛ nea Awurade ayɛ
Mewɔ asɛm bi a mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, wahyɛ m'anuonyam
Mewɔ asɛm bi mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, wahyɛ m'anuonyam
Mewɔ asɛm bi a mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, wahyɛ m'anuonyam
Mewɔ asɛm bi mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, wahyɛ m'anuonyam
Mewɔ asɛm bi a mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Jesus, wahyɛ m'anuonyam
Mewɔ asɛm bi mɛka
Nea mɛtumi aka ne sɛ
Yesu, wahyɛ m'anuonyam